Awiaduaneberɛ Ahomegyeɛ Nhwehwɛmu
Gye wo Coffee ne Tea Foforɔ
Wore yɛ adwuma wɔ Kuropɔn mu ɛna wore pɛ baabi atene wo nan mu? Hyɛaseɛ firi ma me so ɛwɔ mpɔtam hɔ coffee papa sotɔɔ no mu baako. Fuel America yɛ coffeeɔdɔ nhyiamubea pa. Abɛɛfo asiesie beaeɛ a wɔn ma baabi a wobɛ tena bebree a wopɛ ɛne nuane papa a y’atoto ne nneɛma a abu wɔ Worcester. Wɔ gye na kɔ akwanya hɔ no, gyina wɔ Brew on the Grid beaeɛ no a ɛne Worcester Common no di nhwɛanim no. Yi deɛ wopɛ firi deɛ y’atoto pii no mu, ntɛmso anonneɛ, deɛ yɛ wieɛ, ɛne anonneɛ dɔkɔdɔkɔ. Wo nnyɛ obi a wo nom coffee? Ma yɛn fa tea a ɛyɛ dɛ na anii ɛre twa ahuro nka wo ho hye mfiri Gong Cha. Bisa akekaduro asekyire nnodoe nufusuo tea anaasɛ earl gray latte ne tapioca pearlsfoforɔ.
Tie Mpɔtam Abakɔsɛm
Aberɛ a coffee no re yɛ woho adwuma sɛdeɛ ɛsɛ no, fa w’adwene Preservation Worcester’s 30-minute walking tour of Downtown ɛhyɛaseɛ wɔ Worcester City Hall. Kamfo abodan a na wɔn a ɔdii kan bɛtenaa Worcester no temu no nipa bi tesɛ Jonas Rice, brɔnii a ɔdii kan frɛ Worcester sɛ ne kurom. Wo bɛsua nneɛma a ɛboro abakɔsɛm adesua; gye w’ayɔnkofoɔ ani ɛwɔ nimdeɛ foforɔ a w’anya afiri Worcester agyapadeɛ soronko wɔ Kuropɔn no mu. Fa, yɛ mfatoho, Ogyabea Asutire no, a yɛ nim no yie sɛ Turtle Boy. Yɛ buee saa nkaedeɛ ohinii no ano ɛwɔ afe 1905 sɛ agodie asutire a na ɛde nsufoforɔ ma temanmufoɔ, nkraman ɛne apɔnkɔ. Ɛnɛ, ohonii no yɛ ahyɛnsodeɛ a yɛ nim no paa ara no mu baako ɛwɔ Kuropɔn Worcester mu, a ɛre bue mpɔtam hɔ ahɔhoɔ no ani yie paa.
Fa nanteɛ tiawa bi foro Chestnut Beaeɛ soro hɔ,wo bɛhunu Akyekyedeɛ Berima no afɛfoɔ a ɔmo nhyɛda nni din The Boy with a Dolphin. Yɛ buee saa asene adwinni yi ano wɔ afe 1974 a ɛyɛ British nipa titiriw bi a na ɔyɛ odwinniyɛfo a yɛ frɛ no David Wynnena buee ano a na ɔre kyerɛ adeɛ a ɛre ba fom sɛ abɛɛmaa ketewa bi akyere ati.
Hwehwɛ Awiaduane a Ɛyɛ dɛ yie Akwanya
Wo mpasatuo no nkɔ awieɛ no, wo bɛgye adi sɛ w’anante ama kɔm de wo. Kuropɔn no bɛma wo nnuane ahodoɔ ahodoɔ bebree baabi a wo bɛnya biribi wo bɛtumi aka no prɛkopɛ. Oishi baabi baako a wo bɛgyina a anya Japanese nnuane a ɛho teɛ a wo ankasa wo bɛhunu sɛ woho asisi woho so. Ɛfiri maki ahodoɔ aduonnum so ne deɛ yɛde yɛ nsa abobɔ de kɔso yɛ kurom nnuane so, nigiri sushi, ɔmo wɔ akwanya ma obiara. Kɔ di wo awiaduane soronko na nya anonneɛ, nkwan, anaasɛ nhaban a y’atwetwa kwa ɛbɛ gyina deɛ wopɛ so. Anaafoɔfamu ɛwɔ City Hall, wo bɛtumi anya wo kraa aduane papa paa Addie Lee’s. Kɔ Franklin Kwan no ase hɔ kɔtɔ nnuane afoforɔ a ɛyɛ dɛ. Shawarma Palace bɛma wo Middle Eastern aduane papa wɔ Kuropɔn no mu. Mɛ nnsan baklavaho.
Hyɛ ne nso sɛ wo bɛma w’abunna nhoma no ayɛ krado wo wonkyɛn aberɛ a y’akɔ awiaduane berɛ Yawoada ɛwɔ awiaberɛ abosome no mu akɔ nya Out to Lunch Festival and Farmers’ Market ɛwɔ Worcester Common Nyankanko.
Kɔ sra Nhoma Ahyehyɛe awiaduane berɛ
Di w’awiaduane nonhwere berɛ no wɔ aberɛ a w’abɔ awura Worcester Amansan Nhoma Ahyehyɛe Nea ɛba ne berɛ ano Fa hɔ, ɛhɔ na wo bɛhunu nsɛm afoforɔ a aba afiri koowaakrataa a agye din mu ɛne adekora krataa, da biara nsɛm a ɛsisi. Ansaana wɔ nsan w’akye nkɔ adwumadan mu no, na mframa papa ne aduane pa a nipadua no hia no ama w’anya atinka pa.